Add parallel Print Page Options

Mpaebɔ ho bɛ

18 Da bi Yesu nam abebu so kyerɛɛ n’asuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw.

Yesu kae se, “Ɔtemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. Na ɔbea kunafo bi te saa kurow yi mu a, ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ ɔtemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ onni n’asɛm no mma no. Mfitiase no, ɔtemmufo no ammua no. Nanso akyiri yi ɔkae se, ‘Ɛwom sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de, nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’

Awurade toaa so se, “Moate asɛm a ɔtemmufo yi a ɔnteɛ no kae. Munnnye nnni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa? Merema moate ase sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa baahe na obehu wɔn sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”

Farisini ne towgyeni

Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtia no ho se, 10 “Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni. 11 Farisini yi kogyinaa baabi a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfo, nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi. 12 Nnawɔtwe biara mu, midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyɛm du mu baako de ma.’

13 ”Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo mmɔbɔ!’ 14 Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Yesu hyira mmofra nketewa

15 Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no no, wɔtramtram wɔn.

16 Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no se, “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea. 17 Merema moate ase sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni no nni sɛ abofra ketewa no, renkɔ mu.”

Osikani bi

18 Da bi Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

19 Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye Onyankopɔn.

20 “Wunim Mose mmara no: mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di w’agya ne wo na ni!”

21 Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.”

22 Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn w’ahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei, bra bedi m’akyi.”

23 Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ, na ɔwɔ ahode pii.

24 Yesu hui sɛ ne werɛ ahow no ɔkae se, “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu! 25 Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ nantwi bewura paane aniwa mu sen sɛ ɔhonyafo bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

26 Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛnne na hena na wobegye no nkwa?”

27 Yesu buae se, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.”

28 Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yɛagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi w’akyi.”

29 Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn Ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa n’awofo anaa ne mma 30 na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.”

Yesu san hyɛ ne wu ho nkɔm

31 Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32 Wobeyi no ama Amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, ayeyaw no, atew ntasu agu no so, 33 aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”

34 Asuafo no ante nea Yesu kae no biara ase, efisɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so.

Onifuraefo bi ayaresa

35 Yesu ne n’asuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 36 Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwam no, obisaa asɛm a asi. 37 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasaretni no na ɔretwam!” 38 Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛm se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

39 Wɔn a wodi anim no tramtram no se ommua n’ano nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛm denneenen se, “Yesu Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

40 Yesu duu baabi a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, 41 “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.”

42 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”

43 Amonom hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.