Add parallel Print Page Options

Oguan a ɔyerae no

15 Da bi towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii baa Yesu nkyɛn betiee no. Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo san ne wɔn to nsa didi.” Saa asɛm a wɔkae no ma obuu wɔn bɛ bi se, “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no? Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba. Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ, mahu me guan a ɔyerae no.

“Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfo baako sakra n’adwene a, ɔsorofo nyinaa ani gye sen sɛ atreneefo aduɔkron akron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no’.

“Anaasɛ ɔbea bɛn na sɛ ne sika mpɔw du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kosi sɛ obehu? Na sɛ ohu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfo nyinaa nka nkyerɛ wɔn se, ‘Momma yɛn ani nnye, efisɛ, mahu me sika mpɔw a ɛyerae no?’ 10 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfo baako sakra n’adwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.”

Ɔyera ba

11 Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi se, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmabarima baanu. 12 Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya se, ‘M’agya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ w’agyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ n’agyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.

13 “Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa n’ahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi, hweree n’ahode nyinaa. 14 Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15 Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuromani bi a, ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16 Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔe sɛ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.

17 “N’ani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ m’agya fi didi, mee ma ebi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi! 18 Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn na maka makyerɛ no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19 na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ w’apaafo no mu baako.’

20 “Osiim sɛ ɔresan aba n’agya nkyɛn. Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, n’agya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.

21 “Aberante yi ka kyerɛɛ n’agya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’

22 “N’ano ansi koraa na n’agya no frɛɛ n’asomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23 Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani, 24 efisɛ, na misusuw sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ Wofitii ase gyee wɔn ani.

25 “Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi wɔ fie hɔ. 26 Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so wɔ fie hɔ. 27 Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, w’agya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

28 “Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuwii enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. N’agya tee saa asɛm yi no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. 29 Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘M’agya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30 Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahwohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

31 “N’agya buaa no se, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha.Biribiara a mewɔ nso, yɛ wo dea. 32 Ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, efisɛ, na misusuw sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’“