Add parallel Print Page Options

Ɔsoro kwan no yɛ hihiaa

13 Saa bere no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu se, Pilato akum Galileafo bi a wɔrebɔ afɔre ama Onyankopɔn maa wɔn mogya fraa afɔrebɔ no.

Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ saa Galileafo no yɛ nnebɔneyɛfo sen wɔn a aka no nyinaa nti na wokum wɔn no? Dabida, sɛ mo nso moansakra mo adwene a, wobekum mo saa ara.

“Anaasɛ mususuw sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kum wɔn no yɛ nnebɔneyɛfo sen nnipa a na wɔte Yerusalem no? Dabida, mo nso moansakra a, mubewuwu saa ara.”

Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi se, “Ɔbarima bi duaa akutu wɔ ne turo mu. Da bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔtew ɛso aba no bi nanso wannya bi. Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no so hwɛfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Mfe abiɛsa ni, bere biara a mɛba sɛ merebɛtew akutu no bi no, minnya bi. Adɛn nti na ɛresɛe kwa yi? Twa kyene.’

“Turo no so hwɛfo no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ensi hɔ afe yi nso na mingugu ase sumina nhwɛ sɛ ebia, ɛbɛsow aba bi anaa, na sɛ antumi ansow a, ɛnne metwa akyene.’”

Yesu sa yare homeda

10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, 11 na ɔbea bi wɔ hɔ a hohommɔne mu yare bi akyere no mfe dunwɔtwe ama ne mu akoa a ontumi nteɛ ne mu koraa.

12 Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no fii nnipa no mu ka kyerɛɛ no se, “Ɔbea, wo ho nyɛ wo dɛn.” 13 Ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara otumi teɛɛ ne mu. Na ɔbea no yii Onyankopɔn ayɛ.

14 Hyiadan no so panyin a ohuu ɔbea no ayaresa no de abufuw kae se, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba na wɔsa mo yare na ɛnyɛ homeda.”

15 Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa n’afurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda? 16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?“

17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne n’adwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyei n’anwonnwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.

Onyaa aba ne mmɔkaw ho bɛ

18 Afei Yesu fitii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm, na obisaa wɔn se, “Onyankopɔn Ahenni no te dɛn? Na dɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ ase? 19 Onyankopɔn Ahenni no te sɛ onyaa aba ketewaa bi a obi dua wɔ n’afuw mu na enyin yɛ dutan kɛse ma nnomaa kɔnwene wɔn birebuw wɔ so.”

20 Obisaa bio se, “Dɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ ase? 21 Ɛte sɛ mmɔkaw bi a abodootofo de fɔtɔw mmɔre ma etu.”

Ɔpon teɛteaa no

22 Bere a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow so ne nkuraa ase ansa na ɔredu hɔ.

23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu obi bisaa no se, “Awurade, nnipa kakraa bi na wobegye wɔn nkwa anaa?” 24 Obuaa no se, “Mompere nhyɛn ɔpon teɛteaa no mu, efisɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wobewura mu nanso wɔrentumi. 25 Sɛ ɛba sɛ ofiwura no ato ɔpon no mu a, mobɛba abegyina akyi abɔ mu, aka se, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ Na ɔno nso abisa mo se, ‘Mufi he? Minnim mo?’

26 “Na mo nso moaka akyerɛ no se, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔn so.’

27 “Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi m’ani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’

28 “Na sɛ muhu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfo no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni no mu na muntumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa begu mo ti atwa agyaadwo. 29 Nnipa fi wiase afanan nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu hɔ ato nsa adidi. 30 Na monkae sɛ akyikafo bi wɔ hɔ a, wobedi kan, na adikanfo bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyiri.”

Yesu twa Yerusalem ho agyaadwo

31 Saa bere no ara mu Farisifo bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Fi ha kɔ, efisɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.”

32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no se, metu ahohommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, medu Yerusalem. 33 Nanso ɛsɛ sɛ menantew ɛnnɛ ne ɔkyena ne n’adekyee na etwa ara na etwa sɛ odiyifo bewu wɔ Yerusalem!

34 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbeatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so. 35 Na mo afi bɛdan afituw na morenhu me kosi sɛ mobɛka se, “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no!”