Add parallel Print Page Options

Nnianim

Adamfo pa Tiofilo, nnipa pii abɔ mmɔden akyerɛw Yesu ho nsɛm a akɔ so wɔ yɛn mu no. Wɔkyerɛw faa nsɛm a wɔaka akyerɛ yɛn a nnipa a wohuu saa nneɛma yi fi mfiase nam so daa no adi no ho. Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye. Eyi bɛboa wo ma woahu nokware a ɛwɔ nea woasua no nyinaa mu.

Yohane awo ho nkɔmhyɛ

Mede m’asɛm no befi Yudafo sɔfo Sakaria a ɔtenaa ase Yudea hene Herode bere so a na ofi Abia asɔfokuw mu no so. Sakaria yere Elisabet nso, na ɔyɛ Aaron aseni. Na Sakaria ne ne yere Elisabet som Onyankopɔn nokwarem a wɔn ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim. Na wonni ba, efisɛ, na Elisabet yɛ obonini. Na wɔn baanu nyinaa nso anyinyin.

Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no, wɔtow aba yii no sɛ, ɔnkɔhyew aduhuam wɔ ɔhyew afɔremuka no so. 10 Saa bere yi ara nso na asafo no rebɔ mpae wɔ adiwo hɔ sɛnea wɔtaa yɛ no.

11 Sakaria gu so rehyew aduhuam no, Awurade bɔfo begyinaa afɔremuka no nkyɛn mu wɔ nifa so. 12 Sakaria huu no no ɔbɔɔ piriw na ne ho popoe.

13 Nanso ɔsoro bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane. 14 N’awo bɛma w’ani agye na wo ho asɛpɛw wo. Saa ara na ɛbɛma nnipa bebree nso ani agye. 15 Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam. 16 Israelfo pii nam n’asɛnka so benya adwensakra asan aba Awurade, wɔn Nyankopɔn nkyɛn. 17 Obenya Odiyifo Elia Honhom ahoɔden no bi, na obedi Agyenkwa no ba no anim abesiesie nnipa ama ne ba a ɔbɛba no. N’asɛnka bɛma ntease aba agyanom ne wɔn mma ntam. Na ɔbɛdan Awurade asɛm no ho asoɔdenfo adwene akɔ Awurade pɛ ho.”

18 Sakaria buaa ɔbɔfo no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu? Mabɔ akora na me yere nso abɔ aberewa.”

19 Ɔbɔfo no kae se, “Mene Gabriel a migyina Onyankopɔn anim daa no. Ɔno na ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa yi nkyerɛ wo. 20 Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mumu kosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”

21 Saa bere yi nyinaa na asafo mma no retwɛn Sakaria sɛ ɔbɛba. Na ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wakyɛ saa. 22 Bere a ɔbae no, wantumi ankasa ankyerɛ asafo mma no. Wohu fii ne nneyɛe mu sɛ wahu n’ani so ade wɔ asɔredan mu hɔ. Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnkɔ. 23 Owiee n’asɔfodwuma wɔ asɔredan mu hɔ no, ɔkɔɔ fie. 24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee na ɔde ne ho siei asram anum.

25 Ɔde anigye kae se, “Awurade ayɛ me adɔe. Wayi animguase a ɛkaa me wɔ nnipa anim no afi me so.”

Yesu awo ho nkɔmhyɛ

26 Elisabet nyinsɛnee asram asia no, Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Galilea akuraa bi a wɔfrɛ no Nasaret no ase 27 sɛ, ɔnkɔ ɔbaabun bi a wɔfrɛ no Maria a na wɔde no ama Yosef a ofi ɔhene Dawid abusua mu no aware no nkyɛn. 28 Gabriel huu no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ no se, “Asomdwoe nka wo! Awurade ka wo ho, wo a Awurade adom wo.”

29 Ɔbɔfo no asɛm no maa Maria adwenem yɛɛ no nnaa ma obisaa ne ho se, “Na saa nkyia yi, ase ne dɛn?”

30 Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, “Maria, nsuro, efisɛ, Awurade adom wo. 31 Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. 32 Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. 33 Na obedi Yakob fi so hene daa; na n’ahenni to rentwa da.” 34 Maria bisaa ɔbɔfo no se, “Na ɛbɛyɛ dɛn na mawo bere a ɔbarima nhuu me da?”

35 Ɔbɔfo no buae se, “Honhom Kronkron bɛba wo so na Ɔsorosoro Nyankopɔn tumi abɛkata wo so, eyi nti abofra a wobɛwo no no bɛyɛ kronkron na wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn Ba. 36 Ɛbɛyɛ asram asia ni a wo busuani Elisabet mpo a ɔyɛ obonini anyinsɛn ɔbabarima wɔ ne mmerewabere mu. 37 Efisɛ, Onyankopɔn de, biribiara nso no yɛ.”

38 Maria kae se, “Me de, meyɛ Awurade afenaa. Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” Ɛno akyi, ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.

Maria kɔsra Elisabet

39 Nna kakra bi akyi no, Maria kɔɔ Yudea mmepɔw so kurow bi mu. 40 Saa kurow no mu na Sakaria te. Oduu kurow no mu hɔ no, ɔkɔɔ Sakaria fi kɔsraa Elisabet. Okyiaa no. 41 Elisabet tee Maria nkyia no, ɔba a ɔda ne yam no kekaa ne ho; amonom hɔ ara, Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma.

42 Elisabet de ahosɛpw teɛɛm se, “Maria, wɔahyira wo sen mmea nyinaa, na wo ba a wobɛwo no no bɛyɛ onipa kɛse. 43 Anuonyam bɛn na ɛsen eyi. Me sɛɛ ne hena a anka m’awurade ne na bɛba abɛsra me? 44 Wukyiaa me pɛ, na abofra no de anigye kekaa ne ho. 45 Nhyira nka wo sɛ wugye dii sɛ, nea Onyankopɔn aka no, ɔbɛyɛ; ɛno nti na wɔadom wo yi.”

Maria Ayeyi dwom

46 Maria kae se, “Me kra kamfo Awurade. 47 Na me honhom ani gye m’agyenkwa Nyankopɔn mu, 48 efisɛ, wahu n’afenaa mmɔbrɔni mmɔbɔ, na efi nnɛ, awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nea Onyankopɔn ahyira no. 49 Efisɛ, ɔkronkronni Tumfo no ayɛ ade kɛse ama me; 50 n’ahummɔbɔ fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso ma wɔn a wosuro no na wodi no ni no nyinaa.

51 “Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete. 52 Watu aberɛmpɔn ade so ama ahobrɛasefo so. 53 Wama wɔn a ahia wɔn no nnepa na wagya ahonyafo kwan nsapan. 54 Waboa n’akoa Israel na ne werɛ amfi ne mmɔborɔhunu ne ne bɔ 55 a ɔhyɛɛ yɛn agya Abraham ne n’asefo no da!”

56 Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa ansa na ɔresan akɔ ne kurom.

Yohane Osuboni awo

57 Elisabet awo duu so no, ɔwoo ɔbabarima. 58 N’afipamfo ne n’abusuafo tee adɔe a Awurade ayɛ no no, wɔne no nyinaa de anigye dii ahurusi.

59 Eduu nnawɔtwe no, abusuafo ne adɔfo behyiae sɛ wɔrebetwa abofra no twetia na wɔato no din. Wɔpɛe sɛ wɔde abofra no to n’agya Sakaria.

60 Nanso ne na kae se, “Dabi! Ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no Yohane.”

61 Wɔka kyerɛɛ no se, “Obiara nni abusua yi mu a wɔfrɛ no saa.” 62 Eyi ma wɔde wɔn nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya din a wɔmfa nto abofra no.

63 Sakaria ma wɔde krataa brɛɛ no na ɔkyerɛw so se, “Ne din de Yohane.” Eyi yɛɛ wɔn nyinaa nwonwa. 64 Amonom hɔ ara, Sakaria tumi kasae bio, na ofii ase yii Onyankopɔn ayɛ.

65 Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa. 66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛdɛn na abofra yi benyin ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Sakaria nkɔmhyɛ

67 Honhom hyɛɛ n’agya Sakaria ma ma ɔhyɛɛ nkɔm se, 68 “Nhyira nka Awurade Israel Nyankopɔn sɛ waba abegye ne manfo. 69 Ɔde Agyenkwa Tumfo a ɔyɛ ne somfo Dawid aseni rebrɛ yɛn, 70 sɛnea ɔnam n’adiyifo kronkron so fi teteete hyɛɛ bɔ 71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no.

72 “Na wama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom wɔ n’ahummɔbɔ ho no aba mu na wakae n’apam kronkron no, 73 na wakae n’apam kronkron a ɔne Abraham pamee no, 74 sɛ obegye yɛn afi yɛn atamfo nsam no, na yɛasom no a osuro biara nni mu, 75 na yɛn nkwanna nyinaa mu, yɛayɛ kronkron ne atreneefo wɔ n’anim.

76 “Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo ɔsorosoroni no odiyifo efisɛ, wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no, 77 na wobɛkyerɛ ne manfo ɔkwan a wɔnam bɔnefafiri so nya daa nkwa; 78 na eyinom nyinaa bɛba mu efisɛ, Onyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no, 79 na ɛbɛma hann a efi soro abepue yɛn so ahyerɛn wɔn a wɔte sum ne owu sum mu no so na akyerɛ yɛn kwan akɔ asomdwoe mu.”

80 Abofra no nyinii na honhom hyɛɛ no ma; ɔtenaa sare so kosii bere a ofitii n’asɛnka adwuma ase.