Add parallel Print Page Options

Anuanom a moyɛ Onyankopɔn adwumayɛfo, yɛsrɛ mo sɛ, munnnye Onyankopɔn adom no kwa. Onyankopɔn se, “Mitiee wo bere a ɛsɛ sɛ meyɛ wo adɔe, meboaa wo da no nam so gyee wo nkwa.” Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom na ɛnnɛ ne nkwagye da no.

Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛm bɔne aka enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu. Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano. Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, ɛdɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ, akyen kɔm. Nanso yɛnam yɛn kronnyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ, yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akokyɛm a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso.

Wɔhoahoa yɛn na wogu yɛn anim ase. Wɔyaw yɛn na wɔakamfo yɛn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware.

Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwom sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. 10 Wɔmaa yɛn werɛ howee nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee nanso yɛwɔ biribiara.

11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware akyerɛ mo. 12 Yɛmfaa biribiara nsiee mo wɔ yɛn koma mu na mo na mode nsɛm asie yɛn wɔ mo koma mu. 13 Mprempren, mekasa mekyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yedwen mo ho no, mo nso munnwen yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nnsie yɛn. Mummue mo koma mu!

Kɔkɔbɔ

14 Munnnyaa mo ho mmma abosonsomfo, efisɛ, moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye ahyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na gyidini ne nea ɔnyɛ gyidini wɔ yɛ? 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se, “Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi na matena wɔn mu; mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.” 17 Awurade se, “Ɛsɛ sɛ mugyaw wɔn na motew mo ho fi wɔn ho. Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho na megye mo. 18 Mɛyɛ mo Agya na mobɛyɛ me mmammarima ne me mmammea, Otumfo Awurade na ose.”