Add parallel Print Page Options

Kɔkɔbɔ a etwa to

13 Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, “Adanse a nnipa baanu anaasɛ baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio mprempren a minni mo nkyɛn yi. Sɛ mesan ba bio a, mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn, efisɛ, mopɛ sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu. Ɛwom sɛ mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Sɛ yɛde yɛn ho bata ne ho a, yɛn nso yɛyɛ mmerɛw de, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.

Monsɔ mo ho nhwɛ na mummu mu ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu anaa. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu.

Afei, yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ, morenyɛ biribiara a enye sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa behu sɛ yɛadi nkonim, nso wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ sɔhwɛ no mu. Yɛrentumi nsɔre ntia nokware na mmom, nokware nko na ɛsɛ sɛ yegyina ma no. Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ.

10 Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munnyin na mo mu antetew no so ne mo anni no dennen so.

11 Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie m’afotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoee mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

12 Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho. 13 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.

14 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.