Add parallel Print Page Options

Nnuan a wɔde ma ahoni

Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Ɛyɛ nokware pefee sɛ nea wɔka no se, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan; nanso ɔdɔ ma nkɔso.

Onipa a ogye ne ho di sɛ onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ sɛ ohu. Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no.

Enti nnuan a wɔde ma ahoni a wodi no, yenim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yenim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. Na sɛ “anyame” no te ase a, sɛ wɔwɔ soro anaa asase so sɛnea “anyame” ne “awuranom” wɔ hɔ no, Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ ma yɛn a ɔyɛ Agya a ɔbɔɔ ade nyinaa a yɛte ase ma no no; na Awurade Yesu Kristo baako pɛ a wɔnam no so bɔɔ ade nyinaa a yɛte ase ma no no na ɔwɔ hɔ.

Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a, wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Wɔyɛ adwenem mmerɛwfo na wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi. Aduan rentumi nsiesie yɛne Onyankopɔn ntam. Sɛ yɛannidi a, yɛnhwere hwee, ɛnna sɛ yedidi nso a, yennya hwee. Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no ankɔ bɔne mu.

10 Sɛ ɛba sɛ obi a ɔyɛ adwenem mmerɛwfo wɔ saa asɛm yi mu hu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi anaa? 11 Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera! 12 Na ɛnam saa kwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom ma saa bɔne no atia Kristo nso sɛ wonam wɔn adwenem mmerɛw so adaadaa wɔn. 13 Enti sɛ aduan ma me nua yɛ bɔne a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu.