Add parallel Print Page Options

Kristo wusɔre

15 Afei, anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho. Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukita Asɛmpa no mu dennen a, mubenya nkwa gye sɛ moannye anni.

Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm mu se, wosiee no nanso nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea, bio wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa. Afei, mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo bɛboro ahanum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa. Akyiri yi koraa, oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm. Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ, mikunkum Onyankopɔn asafo mma.

10 Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛ nea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi m’ankasa m’ahoɔden mu na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. 11 Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni na ɛno nso na mugye di.

Yɛn wusɔre

12 Afei, sɛnea Asɛmpa no ka se wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn nti na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre? 13 Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu. 14 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka na mo nso munni asɛm biara a mugye di. 15 Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro fa Onyankopɔn ho, efisɛ, yɛka se, ɔno na onyanee Kristo fii awufo mu a nso wamma no ansɔre amfi awufo mu sɛ ɛyɛ nokware sɛ awufo ntumi nsɔre. 16 Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. 17 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. 18 Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera. 19 Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛnne na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha.

20 Nanso nokware a ɛwom ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mu den sɛ wɔn a wɔada wɔ owu mu no wɔbɛma wɔasɔresɔre.

21 Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba. 22 Na sɛnea nnipa nyinaa ne Adam wɔ twaka nti wowui no, saa ara nso na esiane twaka a wɔne Kristo wɔ no nti, wɔbɛma wɔasɔre afi awufo mu. 23 Nanso ebiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na wɔn a Kristo ba mu, wɔyɛ ne de no, adi hɔ.

24 Afei awiei no bɛba. Kristo bedi ahonhom mu atumfo, mpanyimfo, ne tumidifo so na ɔde Onyankopɔn Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. 25 Efisɛ, ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ Onyankopɔn bedi n’atamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ ne nan ase. 26 Ɔtamfo a otwa to a obedi ne so ne owu. 27 Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn de nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase.” Ɛyɛ asɛm a ɛda hɔ pefee sɛ nsɛm “Nneɛma nyinaa” no, Onyankopɔn no ankasa a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo ase no nka ho. 28 Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa ahyɛ Kristo ase a, ɛnne, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a nneɛma nyinaa hyɛ n’ase no ase; na Onyankopɔn na odi biribiara so.

29 Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛnea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu.?

30 Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu? 31 Anuanom, dɔnhwerew biara mihyia owu. Ahosɛpɛw a mewɔ wɔ mo mu wɔ yɛn nkwa a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade mu no so na migyina ka saa asɛm yi. 32 Sɛ migyina nnipa adwene so na me ne “Nkekaboa” koe wɔ Efeso a, mfaso bɛn na manya? Na sɛ wɔmma awufo nsɔre mma nkwa mu a, ɛnne “Momma yennidi na yɛnnom, efisɛ, ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no.

33 “Mommma wɔnnnaada mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” 34 Monyɛ mo asɛde na munnyae mo akwammɔne no. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu bi nnim Onyankopɔn.

Nipadua a ɛsɔre

35 Obi bebisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi ama awufo asɔre aba nkwa mu? Wɔbɛyɛ nipadua su bɛn? 36 Ɔkwasea! Sɛ wudua aba wɔ fam a, gye sɛ ewu ansa na afifi. 37 Na nea wudua wɔ fam no yɛ duaba kɛkɛ; ebia ɛyɛ mo aba anaa duaba foforo a ɛnyɛ afifide no ntutɛw a, ebenyin. 38 Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. 39 Honam a ɛkata ateasefo ho no nyinaa nyɛ honam koro. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn de; nnomaa wɔ wɔn de ɛnna nsumnam nso wɔ wɔn de.

40 Ɔsoro nipadua wɔ hɔ ɛnna ɛfam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam nipadua. 41 Owia wɔ n’ankasa n’ahoɔfɛ. Ɔsram wɔ ne de nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahorow; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛ su ahorow.

42 Sɛ wɔma awufo sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wosie nipadua no a, ɛporɔw; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔw. 43 Sɛ wosie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛw nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na enya ahoɔden. 44 Sɛ wosie nipadua no a, ɛyɛ honam na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ.

45 Kyerɛwsɛm no ka se, “Adam a ɔyɛ nnipa nyinaa kannifo no, wɔbɔɔ no sɛ onipa teasefo”; nanso Adam a otwa to no yɛ Honhom a ɔma nkwa.

46 Ɛnyɛ honhom fam no na edi kan ba na mmom honam no ba ansa na honhom no aba. 47 Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi soro.

48 Wɔn a wɔyɛ asase de no te sɛ nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ soro mma no te sɛ wɔn a wofi soro. 49 Sɛnea yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ofi soro no.

50 Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ a ɛmporɔw.

51 Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu nanso bere tiaa bi mu wɔbɛsakra yɛn nyinaa; 52 sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibu. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra. 53 Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho. Na nea ewu no de nea enwu akata ne ho.

54 Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!” 55 Owu, wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?” 56 Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi Mmara no mu. 57 Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

58 Enti, me nuanom, munnyina pintinn. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ, munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.