Add parallel Print Page Options

Ɔdɔ

13 Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma kasa na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a ɛregyigye anaa akasae a ɛrewosow. Ebia na mewɔ akyɛde a mitumi ka Asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; ebia na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa; ebia na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw nanso sɛ minni ɔdɔ a, menka hwee. Metumi de nea mewɔ nyinaa makyɛ na mpo matu me nipadua asi hɔ sɛ wɔnhyew nanso sɛ minni ɔdɔ a, ɛnyɛ me papa biara.

Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su; ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu; ɔdɔ mpɛ bɔne na mmom, ɔpɛ nokware. Ɔdɔ basa mu mmu; ne gyidi, n’anidaso ne ne boasetɔ nni hwammɔ.

Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ nanso ɛnte hɔ daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo wɔ hɔ nanso ɛwɔ n’awiei; osuahu wɔ hɔ nanso ebetwam. Nea yenim no ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa bi; 10 nanso nea edi mu no ba a, nea ɛyɛ fa bi no tu yera.

11 Meyɛ abofra no mekasae sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no. 12 Nea yehu no mprempren no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi, yebehu no kann. Nea minim mprempren no yɛ ɛho fa bi; akyiri yi, ebedi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no.

13 Na afei ade abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse.