Add parallel Print Page Options

Na apam a edi kan no wɔ mmara a wɔnam so som. Saa ara nso na na wɔwɔ beae a nnipa asiesie a wɔsom. Wosii ntamadan a na wɔfrɛ saa ntamadan no akyiri Kronkonbea. Na Kanea dua, ɔpon ne abodoo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn wɔ hɔ. Ntwamu a ɛto so abien no akyi na ntamadan bi wɔ a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron a sika aduhuamhyew afɔremuka ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa wɔ. Saa adaka no mu na na sika pɔre a mana ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon no wɔ. Adaka no so hɔ nso na Onuonyamfo Kerubim a watrɛw ne ntaban mu akata baabi a na wɔde bɔne kyɛ no si. Nanso yɛrentumi nka nneɛma no ho asɛm nkɔ akyiri mprempren.

Saa na wɔahyehyɛ nneɛma no. Da biara na asɔfo no kɔ ntamadan no akyi kɔyɛ wɔn adwuma; nanso na ɔsofɔ panyin no nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkɔ ntamadan no mu pɛnkoro pɛ afe biara. Ɔde mogya a ɔde bɔ Onyankopɔn afɔre ma ne ho ne bɔne a nnipa ayɛ a na wonnim sɛ wɔreyɛ bɔne no ka ne ho kɔ.

Honhom Kronkron no nam saa kwan yi so kyerɛ yɛn sɛ, ɔkwan dedaw no, na nnipa a wonni mu ntumi nkɔ Kronkron mu Kronkron hɔ bere a ɔdan a ɛwɔ akyiri no ne nneɛma a egyina hɔ ma no no nyinaa da so wɔ hɔ. Ɛyɛ mfatoho ma nnɛ bere yi. Ɛkyerɛ sɛ akyɛde ne mmoa a na wɔde bɔ afɔre ma Onyankopɔn no ntumi mma wɔn a wɔsom no koma mu nyɛ kronn. 10 Wɔde nnuan, anonne ne nneɛma ahorow a wɔde dwira wɔn ho na na edi dwuma no. Eyi yɛ mmara a enni mu kosi bere a Onyankopɔn bɛsesɛw ne nyinaa.

11 Nanso Kristo aba dedaw sɛ ɔsɔfo panyin ama nneɛma pa a yɛwɔ dedaw yi. Ntamadan a ɔsom wɔ mu no so na edi mu kyɛn dedaw no. Ɛnyɛ nnipa na wɔyɛe a enti ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ wiase fa bi. 12 Bere a Kristo kɔɔ ntamadan no mu a ɔkɔɔ Kronkronbea hɔ pɛnkoro no, wamfo mmirekyi ne anantwi mogya na ɛkɔbɔɔ afɔre. Mmom ɔno ara de ne mogya na ɛbɔɔ afɔre de gyee nkwa a enni awiei maa yɛn.

Nhyehyɛe foforo no

13 Na sɛ mmirekyi ne anantwinini mogya ne nantwibere nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi tew wɔn ho kɔ honam ahofi mu a, 14 mpɛn ahe na Kristo a ɔnam Honhom a ɛte hɔ daa so de ne ho bɔɔ afɔre a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ho mfi nnwuma bɔne mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase no?

15 Eyi nti na Kristo na ɔhyehyɛ apam foforo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn no benya nhyira a enni awiei sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no. Eyi betumi aba saa, efisɛ, owu bi asi a egye nnipa fi wɔn bɔne a wɔyɛe bere a na wɔwɔ apam a edi kan no mu no.

16 Sɛ nsamansew bi wɔ hɔ a , gye sɛ wotumi ma nokware no da adi sɛ onipa a ɔhyɛɛ saa nsamansew no awu. 17 Sɛ onipa a ɔhyɛ nsamansew no te ase a, saa nsamansew no nka hwee. Bere a wawu no na ɛka biribi. 18 Ɛno nti na apam a edi kan no wɔnam mogya so na ɛhyɛɛ no den no. 19 Nea edi kan no, Mose kaa mmaransɛm no nyinaa sɛnea ɛwɔ Mmara no mu no kyerɛɛ nnipa no. Nantwi mma mogya ne nsu ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee Mmara nhoma no ne nnipa no nyinaa so 20 kae se, “Eyi ne mogya a ɛsɔw apam a Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ munni so no ano.” 21 Saa ara na Mose nso petee mogya guu ntamadan no ne nneɛma a wɔde som no nyinaa so nen. 22 Nokwarem, sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ mogya na etumi tew ade nyinaa ho na saa ara nso na gye sɛ mogya hwie gu ansa na bɔnefafiri aba.

23 Saa kwan yi ara so na wɔnam ma biribiara a ɛyɛ ɔsoro nhwɛsode no ho tew. Nanso ɔsoro nneɛma no ankasa de, afɔre a eye kyɛn eyinom na wɔde tew ho.

24 Efisɛ, Kristo ankɔ baabi a ɛyɛ kronn a nnipa de wɔn nsa na ayɛ a ɛyɛ ade kann nhwɛsode. Ɔkɔɔ soro ankasa na osi yɛn ananmu wɔ hɔ wɔ Onyankopɔn anim. 25 Afe biara Yudafo sɔfo panyin de aboa mogya kɔ Kronkronbea hɔ. Nanso Kristo amfa ne ho amma mpɛn bebree saa. 26 Sɛ ɔyɛɛ saa a, anka efi adebɔ mfiase no obehu amane mpɛn bebree. Mmom, waba prɛko a nneɛma nyinaa reba awiei, nam ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no so apopa bɔne.

27 Ɛsɛ sɛ obiara wu baako pɛ na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. 28 Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako pɛ de gyee dodow no ara wɔ wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ommegye nnebɔneyɛfo na mmom ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.