Add parallel Print Page Options

Kristo kaa owu hwɛe maa yɛn nyinaa

Eyi nti na ɛsɛ sɛ yeso nokware a yɛate no mu dennen sɛnea ɛbɛyɛ a biribi rentu yɛn aso. Nsɛm a abɔfo no kae no yɛ nokware enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. Na sɛ yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aguan? Awurade no ankasa na odii kan kaa saa nkwagye yi ho asɛm na wɔn a wotiee no no, ama yɛahu sɛ ɛyɛ nokware.

Saa bere koro no ara mu Onyankopɔn nam ne tumi adeyɛ ne n’anwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ.

Onyankopɔn amma abɔfo anni wiase a na wayɛ n’adwene sɛ ɔrebɛbɔ no so; saa wiase a yɛka ho asɛm no. Na mmom, wɔaka no Kyerɛwsɛm no mu baabi se; “Onyankopɔn, onipa yɛ dɛn a ɛsɛ sɛ wudwen ne ho; onipa teta a ɛsɛ sɛ wohwɛ no? Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo; wohyɛɛ no anuonyam, sɛ onni nneɛma nyinaa so.” Ɛka se Onyankopɔn bɔɔ onipa “Nneɛma nyinaa sodifo;” eyi da no adi sɛ biribiara ka ho. Nanso yenhu sɛ mprempren onipa di nneɛma nyinaa so. Nanso yehu Yesu! Mmere tiaa bi wɔbɔɔ no hyɛɛ abɔfo ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, ɛsɛ sɛ owu ma nnipa nyinaa no. Yehu no sɛ esiane owu a owui no nti, wɔahyɛ no anuonyam. 10 Eye sɛ Onyankopɔn a ɔbɔ nneɛma nyinaa na ɔhwɛ so no bɛma Yesu nam n’amanehunu no mu ayɛ pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma ne mma nyinaa akɔ saa anuonyam no mu bi. Efisɛ, Yesu no nko ara ne Onipa a obedi wɔn anim akɔ nkwagye no mu.

11 Ɔma nnipa yɛ kronn fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronn no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12 Ɔka se, “Onyankopɔn, mɛka wo ho asɛm makyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.” 13 Ɔsan ka bio se, “Mede me ho bɛto Onyankopɔn so.” Na ɔno nso ka se, “Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me, na me ne wɔn ahyia yi.”

14 Esiane sɛ mma no wɔ honam ne mogya nti, Yesu nso bae onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okita owu tumi no ahoɔden. 15 Na ɔnam so agye wɔn a esiane sɛ wosuro owu nti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no.

16 Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɛnyɛ abɔfo na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Ɔboa Abraham asefo.” 17 Eyi kyerɛ sɛ, ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ sɛ ne nuanom sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn nokwafo ne mmɔborɔhunufo ɔsɔfo Panyin wɔ ne Nyamesom mu na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18 Enti afei obetumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ho ahwɛ efisɛ, ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛe ma ohuu amane.