Add parallel Print Page Options

Biakoyɛ

Me a esiane sɛ mesom Awurade nti meyɛ odediani no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo mu no. Bere biara munnwo, monyɛ dinn na montɔ mo bo ase. Daa momma Honhom no nni mo kan na mo ne mo ho mo ho ntena ase asomdwoe mu.

Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ sɛnea anidaso baako a Onyankopɔn nam so afrɛ mo wɔ hɔ no. Awurade baako, gyidi baako ne asubɔ baako na ɛwɔ hɔ. Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa Agya no a ɔsan yɛ yɛn nyinaa Awurade no, na ɔnam yɛn nyinaa so di dwuma na ɔwɔ yɛn nyinaa mu no, na ɔwɔ hɔ. Yɛn mu biara wɔ akyɛde bi a Kristo de ama yɛn.

Kyerɛwsɛm no ka se, “Bere a ɔkɔɔ soro no, ɔfaa nneduafo bebree kaa ne ho; ɔmaa nnipa akyɛde.” Afei, “ɔkɔɔ soro” no ase kyerɛ dɛn? Ase kyerɛ sɛ, nea edi kan no, ɔbaa fam, asase ase pɛɛ. 10 Enti nea ɔbaa fam no ara na ɔkɔɔ soro kɔhyɛɛ wim nyinaa.

11 Ɔno na “ɔmaa nnipa akyɛde” no; oyii ebinom ma wɔbɛyɛɛ asomafo, afoforo bɛyɛɛ adiyifo, afoforo bɛyɛɛ asɛmpakafo. Ebi bɛyɛɛ asɔfo ne akyerɛkyerɛfo.

12 Ɔyɛɛ eyi de siesiee Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa maa Kristo adwumayɛ na wɔnam so ama Kristo nipadua no agyina. 13 Enti yɛnam yɛn gyidi ne yɛn nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn Ba no ho no bɛyɛ baako. Yɛbɛyɛ nnipa a wɔn adwenem abue na wobehu pɛ a Kristo yɛ no bi yɛn mu.

14 Yɛrenyɛ mmofra a nnipa bi nam wɔn nkyerɛkyerɛ so kyerɛkyerɛ afoforo, daadaa wɔn de wɔn kɔ mfomso mu no bi bio. 15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokware ne ɔdɔ honhom mu a, yebenyin wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu. 16 Ne nti na honam no akwaa horow suso ne ho ne ho mu nam ɔdɔ mu nyin bere a wɔn mu biara di ne dwuma no.

Tena ase ɔbra foforo no mu

17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ Amanamanmufo a wonni adwene pa bi, 18 na esum aduru wɔn adwene no. Wonni kyɛfa wɔ asetena a Onyankopɔn ma no mu efisɛ, wɔapirim wɔn koma. 19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afide ahorow nyinaa bi a wonnu wɔn ho.

20 Ɛnyɛ saa na musua faa Kristo ho. 21 Ɛyɛ nokware sɛ motee ne nka, na sɛ moyɛ n’akyidifo nti, wɔkyerɛɛ mo nokware a ɛwɔ Yesu mu. 22 Enti montew mo ho mfi mo suban dedaw no a ɛde mo kɔɔ nnaadaa mu no ho. 23 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ mo koma ne mo adwene foforo koraa 24 na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso a ɛda abrabɔ pa a ɛteɛ na ɛyɛ kronn no mu no.

25 Munntwitwa atoro nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokware nkyerɛ ne nua, efisɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo nipadua mu. 26 Sɛ wo bo fuw a, mma w’abufuw no mfa wo nkɔ bɔne mu na mma ade nnkye w’abufuw so. 27 Mma ɔbonsam kwan.

28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔn no gyae korɔnbɔ no na ɔnam so aboa ahiafo. 29 Mma kasa bɔne mfi w’anom na mmom ka kasa pa na aboa afoforo wɔ nea ehia wɔn mu ne wɔn a wotie mo no.

30 Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so ahyɛ mo nkwagye ho bɔ no awerɛhow.

31 Munnyae anoɔyaw, bo bɔne, abufuw, ateɛteɛ, ayeyawyeyaw ne ɔtan nyinaa. 32 Monyɛ mo ho mo ho adɔe na momfa mo mfomso nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.