Add parallel Print Page Options

Saulo adwensakra

Saa bere no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifo no ase. Ɔkɔɔ ɔsɔfo panyin no nkyɛn kogyee adansedi krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere Yesu akyidifo, mmea ne mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem.

Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ, hann bi fi soro twa faa ne ho, ma otwa hwee fam. Afei ɔtee nne bi se, “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”

Saulo bisae se, “Ɛyɛ wo hena, Awura?” Nne no buae se, “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no. Sɔre na kɔ kurow no mu na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”

Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinae a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no nanso wɔanhu obiara. Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee n’ani nanso na onhu ade. Enti wokitakita no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. Nnansa a odii wɔ Damasko no na onhu hwee. Na onnidi na ɔnnom nso.

10 Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, “Anania!” Ogyee so se, “Awurade!”

11 Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Tempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae. 12 Anisoadehu mu, ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsan ahu ade.”

13 Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne ɔhaw a ɔhaw w’akyidifo wɔ Yerusalem no. 14 Wakɔ asɔfo mpanyin nkyɛn akogye adansedi krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.”

15 Awurade ka kyerɛɛ Anania se, “Kɔ! Efisɛ, ɔno na mayi no a menam ne so bɛma Amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din. 16 Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”

17 Afei, Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo kwan so bere a woreba no asoma me se, memmebue w’ani na hu ade, na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma. 18 Amonom hɔ ara, biribi a ɛte sɛ abon fii n’ani so na ohuu ade. Ɔsɔre maa wɔbɔɔ no asu. 19 Onyaa aduan bi di mee no, ne ho sanee no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafo a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn.

Saulo ka Asɛmpa no wɔ Damasko

20 Ofii ase kaa Asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa.

21 Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no anaa? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.”

22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee.

23 Nna bi akyi no, Yudafo no bɔɔ Saulo ho pɔw sɛ wobekum no 24 nanso Saulo tee pɔw a wɔbɔe wɔ ne ho no. Na wɔtetɛw no wɔ kurow no apon ano awia ne anadwo apɛ no akum no. 25 Anadwo bi Saulo akyidifo de no sii kɛntɛn bi mu twetwee no faa ɔfasu so gyaa no sii fam.

Saulo kɔ Yerusalem

26 Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛe sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho nanso wosuroo no, efisɛ, na wonnye nni sɛ wasakra abɛyɛ osuani. 27 Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafo no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛnea Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no ne sɛnea ɔde akokoduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. 28 Saulo ne wɔn tenae na ɔde akokoduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. 29 Saulo ne Helenifo nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. 30 Bere a gyidifo no tee pɔw a Helenifo no bɔe wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso.

31 Afei asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timii. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.

Petro sa nyarewa

32 Petro tutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Da bi, ɔkɔsraa gyidifo a wɔwɔ Lida no, 33 ohyiaa ɔbarima bi a ne din de Enia a wabubu agu kɛtɛ so mfe awotwe wɔ hɔ.

34 Petro ka kyerɛɛ no se, “Enia, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amonom hɔ ara, Enia sɔree. 35 Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa huu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade.

36 Na ɔbea gyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de n’adagyew nyinaa yɛɛ papa boaa ahiafo. 37 Saa bere koro yi ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no de no kɔtoo abansoro dan bi mu. 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa no nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra.

39 “Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no, wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no. 40 Petro maa wɔn nyinaa fii adi. Afei obuu nkotodwe bɔɔ mpae dan n’ani kyerɛɛ amu no kae se, “Tabita, sɔre!” Tabita tew n’ani na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. 41  Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ gyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn.

42 Saa asɛm yi trɛwee wɔ Yopa nyinaa maa nnipa pii gyee Awurade dii. 43 Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru no nkyɛn wɔ Yopa kyɛe kakra.