Add parallel Print Page Options

Wɔsoma asɛmpatrɛw adwumayɛfo

13 Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu no bi ne: Barnaba ne Simon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” ne Kireneni Lukio ne Manaen a wɔtetew no ne ɔhene Herode no ne Saulo. Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.”

Wodii mmuada, bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.

Barnaba ne Saulo kɔ Kipro

Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wofi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu Kipro. Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo.

Wotwaam wɔ supɔw no so koduu Pafo, na ɛhɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifo a na ne din de Bar-Yesu. Na n’adamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie. Nanso nkonyaayifo Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, efisɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi betie Onyankopɔn asɛm.

Afei Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma ma ɔhwɛɛ nkonyaayifo Elima dinn kae se, 10 “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yiye. Nnaadaa ahorow ahyɛ wo ma. Bere biara, wopɛ sɛ wodan Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! 11 Awurade bɛtwe w’aso ama w’ani afura a worenhu ade fi saa bere yi de kosi bere bi.” Ɛhɔ ara Elima ani furae a na ɔde ne nsa rekeka sɛ obenya obi aso no mu anaa. 12 Amrado no huu asɛm a asi no, ogyee Awurade asɛm no dii. Awurade ho asɛm a ɔtee no maa ne ho dwiriw no.

Asomafo no kodu Antiokia

13 Paulo ne n’ahokafo no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn hɔ san kɔɔ Yerusalem. 14 Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee.

15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a mowɔ ho kwan sɛ moka.”

16 Afei, Paulo sɔre gyinae, nyam ne nsa fitii ase kasae se, “Me nuanom Israelfo ne Amanamanmufo a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, muntie me!

17 “Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim, 18 na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ sare so mfe aduanan. 19 Ɔsɛee amanaman ason wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfo, 20 ma wɔtenaa so mfe ahanan ne aduonum. Eyi akyi no, ɔmaa atemmufo dii wɔn so kosii sɛ odiyifo Samuel bae.

21 Bere a wɔpɛe sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan. 22 Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii n’anan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ 23 Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfo Agyenkwa. 24 Ansa na Yesu rebefi n’adwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. 25 Ansa na Yohane rebewie n’asɛnka no, obisaa nnipa no se, ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛ biara, nea moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔw ne mpaboa mafi ne nan.’

26 “Me nuanom Abraham asefo ne Amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn. 27 Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifo no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wobuu Yesu kumfɔ maa adiyifo no nsɛm no baa mu. 28 Ɛwom sɛ wɔannya afobusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ onkum no. 29 Wɔyɛɛ biribiara a Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho wiei no, woyii no fii asɛnnua no so kosiee no.

30 “Nanso Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu. 31 Ne wusɔre akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan fi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wodi ne ho adanse kyerɛ Israelfo no.

32 “Afei yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka Asɛmpa no akyerɛ mo se, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre fii awufo mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nenanom no aba mu. 33 Eyi ne nea wɔakyerɛw wɔ Nnwom a ɛto so abien mu no se, ‘Woyɛ me ba; ɛnnɛ, mabɛyɛ w’agya.’

34 “Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre fii awufo mu na ɔrensan nkɔ porɔw mu no ne sɛ, ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no behyira wo.’ 35 Wɔaka no baabi nso se, ‘Woremma wo ba kronkron no mporɔw.’ 36 Dawid bere so, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owui ma wosiee no ne nenanom nkyɛn pɛɛ na ɔporɔwee. 37 Nanso nea Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu no amporɔw.

38 ”Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te ase sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fafiri ho asɛm kyerɛ mo. 39 Ɛsɛ sɛ mote ase sɛ, obiara a ogye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. 40 Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛe se, 41 ‘Mo fɛwdifo! Momma ɛnyɛ mo nwonwa na monyera! efisɛ, adwuma a mereyɛ wɔ mo bere so no yɛ biribi a sɛ obi kyerɛkyerɛ mo mu a, morente ase!’ no amma mo so.”

42 Paulo ne Barnaba refi asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. 43 Nnipa no wiee nhyiam no, Yudafo ne Amanamanmufo bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafo no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.

Asomafo no kɔ Amanamanmufo nkyɛn

44 Homeda a edi so no dui no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kurow no mu no nyinaa betiee Awurade asɛm. 45 Yudafo no huu nnipa kuw no, wɔn ani bere sɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye, kasa tiaa no. 46 Nanso Paulo ne Barnaba de akokoduru kɔɔ so kae se, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan. Na sɛ moapo na mummu mo ho sɛ nkwa a enni awiei ho hia mo nti, yebegyaw mo hɔ akɔ Amanamanmufo no nkyɛn. 47 Ahyɛde a Awurade de ama yɛn ne sɛ, ‘Mayɛ mo Amanamanmufo nyinaa kanea; ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.’ “

48 Amanamanmufo no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyei na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a enni awiei no bɛyɛɛ gyidifo. 49 Na Awurade asɛm no trɛwee ɔmantam no mu nyinaa. 50 Nanso Yudafo no tuu nnipa atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no ne mmea nyamesurofo a na wɔwɔ hɔ bi a wodi mu no aso ma wɔtaa Paulo ne Barnaba, pam wɔn fii ɔman no mu. 51 Nanso asomafo no poroporow wɔn nan ase mfuturu guu wɔn so fii hɔ kɔɔ Ikonium. 52 Anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafo a na wɔwɔ Antiokia no ma.